1 Mose 36:21
Genesis 36:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.
Genesis 36:21 in English
Genesis 36:21 · Berean Standard Bible
Dishon, Ezer, and Dishan. They are the chiefs of the Horites, the descendants of Seir in the land of Edom.
Context
19Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no. 20Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no:
Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no. 22Lotan mmammarima ne yeinom:
Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa. 23Sobal nso mmammarima ne yeinom:
Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.