Native Bible

Genesis 36:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.

Genesis 36:19 in English

Genesis 36:19 · Berean Standard Bible

All these are the sons of Esau (that is, Edom), and they were their chiefs.

Context

17Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom. 18Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no. 19Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no. 20Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.