1 Mose 36:17
Genesis 36:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi: Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.
Genesis 36:17 in English
Genesis 36:17 · Berean Standard Bible
These are the sons of Esau’s son Reuel: Chiefs Nahath, Zerah, Shammah, and Mizzah. They are the chiefs descended from Reuel in the land of Edom, and they are the grandsons of Esau’s wife Basemath.
Context
15Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:
Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:
Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas, 16Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom. 17Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:
Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom. 18Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi:
Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no. 19Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.