Native Bible

Genesis 3:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wiram nhahan.

Genesis 3:18 in English

Genesis 3:18 · Berean Standard Bible

Both thorns and thistles it will yield for you, and you will eat the plants of the field.

Context

16Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ, “Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu; ɔyea mu na wobɛwo mma. Yei nyinaa akyiri no, wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.” 17Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti, “Madome asase, na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so wo nkwa nna nyinaa. 18Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ ama wo na woadi wiram nhahan. 19Wobɛsiam wʼanim fifire ansa na woanya aduane adi, kɔsi sɛ wobɛwu akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ, dɔteɛ no mu na menwonoo wo firiiɛ; woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akɔ.” 20Adam too ne yere no edin Hawa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛyɛ ateasefoɔ nyinaa na.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.