1 Mose 3:16
Genesis 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ, “Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu; ɔyea mu na wobɛwo mma. Yei nyinaa akyiri no, wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.”
Genesis 3:16 in English
Genesis 3:16 · Berean Standard Bible
To the woman He said: “I will sharply increase your pain in childbirth; in pain you will bring forth children. Your desire will be for your husband,* and he will rule over you.”
Context
14Enti, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ, “Esiane saa adeɛ a woayɛ yi enti,
“Wɔadome wo wɔ mmoa nyinaa
ne nkekaboa mu.
Wobɛwea wʼafuru so,
na wo nkwa nna
nyinaa woadi mfuturo. 15Mede ɔtan bɛto
wo ne ɔbaa no
ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam.
Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire,
na wo nso woaka ne nantin.” 16Afei, Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no nso sɛ,
“Wobɛte ɔyea pa ara wɔ wʼawoɔ mu;
ɔyea mu na wobɛwo mma.
Yei nyinaa akyiri no,
wʼani bɛgyina wo kunu na ɔbɛdi wo so.” 17Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam nso sɛ, “Esiane sɛ wotiee wo yere asɛm, na wodii dua a mehyɛɛ wo sɛ, ‘Nni so aba no’ enti,
“Madome asase,
na ɔbrɛ ne ɔhaw mu na wobɛdidi so
wo nkwa nna nyinaa. 18Ɛbɛfifiri nkasɛɛ ne nkyɛkyerɛ
ama wo na woadi wiram nhahan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.