Native Bible

Genesis 24:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?”

Genesis 24:5 in English

Genesis 24:5 · Berean Standard Bible

The servant asked him, “What if the woman is unwilling to follow me to this land? Shall I then take your son back to the land from which you came?”

Context

3Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. 4Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa abrɛ no.” 5Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?” 6Abraham kaa sɛ, “Hwɛ yie na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da. 7Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a ɔde me firi mʼagya fie ne mʼasase so baa ha, na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ no.’ Ɔno ara na ɔbɛsoma ne ɔbɔfoɔ adi wʼanim akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya ɔyere afiri hɔ ama me babarima no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.