1 Mose 24:3
Genesis 24:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak.
Genesis 24:3 in English
Genesis 24:3 · Berean Standard Bible
and I will have you swear by the LORD, the God of heaven and the God of earth, that you will not take a wife for my son from the daughters of the Canaanites among whom I am dwelling,
Context
1Na Abraham anyini a ne mfeɛ kɔ ɛkan yie. Awurade hyiraa no akwan ahodoɔ nyinaa so. 2Ɛda koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin a ɔhwɛ nʼagyapadeɛ nyinaa so sɛ, “Fa wo nsa ka me srɛ ase. 3Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak. 4Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa abrɛ no.” 5Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.