1 Mose 16:11
Genesis 16:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Woanyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ, Awurade ate wʼamanehunu.
Genesis 16:11 in English
Genesis 16:11 · Berean Standard Bible
The angel of the LORD proceeded: “Behold, you have conceived and will bear a son. And you shall name him Ishmael,* for the LORD has heard your cry of affliction.
Context
9Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.” 10Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.” 11Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ,
“Woanyinsɛn,
na wobɛwo ɔbabarima.
Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ,
Awurade ate wʼamanehunu. 12Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu.
Ɔbɛtia nnipa nyinaa,
na nnipa nyinaa nso bɛtia no;
atutupɛ so na
ɔne ne nuanom bɛtena.” 13Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.