Native Bible

Genesis 11:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm. Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad.

Genesis 11:10 in English

Genesis 11:10 · Berean Standard Bible

This is the account of Shem. Two years after the flood, when Shem was 100 years old, he became the father of Arphaxad.

Context

8Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere. 9Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel,* ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa. 10Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm. Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad. 11Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho. 12Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.