1 Mose 10:23
Genesis 10:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aram asefoɔ nie: Us, Hul, Geter ne Mas.
Genesis 10:23 in English
Genesis 10:23 · Berean Standard Bible
The sons of Aram: Uz, Hul, Gether, and Mash.*
Context
21Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma. 22Sem asefoɔ nie:
Elam, Asur,* Arfaksad, Lud ne Aram. 23Aram asefoɔ nie:
Us, Hul, Geter ne Mas. 24Na Arfaksad woo Sela,
ɛnna Sela woo Eber. 25Eber woo mmammarima baanu.
Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.