Native Bible

Galatians 4:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da, ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu.”

Galatians 4:27 in English

Galatians 4:27 · Berean Standard Bible

For it is written: “Rejoice, O barren woman, who bears no children; break forth and cry aloud, you who have never travailed; because more are the children of the desolate woman than of her who has a husband.”*

Context

25Hagar gyina hɔ ma bepɔ Sinai a ɛwɔ Arabia na ɛte sɛ kuropɔn Yerusalem, ɛfiri sɛ ɔne ne mma wɔ nkoasom mu. 26Nanso, Yerusalem a ɛwɔ ɔsoro no deɛ, ɛde ne ho na ɔyɛ yɛn maame. 27Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, “Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da, ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu.” 28Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no. 29Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.