Galatifoɔ 4:29
Galatians 4:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa.
Galatians 4:29 in English
Galatians 4:29 · Berean Standard Bible
At that time, however, the son born by the flesh persecuted the son born by the Spirit. It is the same now.
Context
27Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ,
“Ao ɔbaa a woyɛ obonini, di ahurisie,
wo a wonnwoo da;
ma wo nne so na team,
wo a awoɔ nkaa wo da,
ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma dɔɔso
sene deɛ ɔwɔ kunu.” 28Me nuanom mmaa ne mmarima, bɔhyɛ no enti na wɔwoo mo sɛdeɛ wɔwoo Isak no. 29Saa ɛberɛ no na ɔba a wɔnam honam kwan so woo no no taa deɛ wɔnam Honhom no tumi mu woo no no. Na ɛnnɛ yi nso, ɛte saa. 30Na Atwerɛsɛm no ka sɛn? “Pam afenaa no ne ne babarima yi firi ha; ɛfiri sɛ, afenaa babarima no ne ɔdehyeɛ no renkyɛ agyapadeɛ no.” 31Enti, anuanom, yɛnyɛ afenaa no mma, na mmom, yɛyɛ ɔbaa a ɔde ne ho no mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.