Ɛsra 2:59
Ezra 2:59 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne:
Ezra 2:59 in English
Ezra 2:59 · Berean Standard Bible
The following came up from Tel-melah, Tel-harsha, Cherub, Addan,* and Immer, but could not prove that their families were descended from Israel:
Context
57Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami. 58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ
\~\~392 59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
Saa nnipakuo yi ne: 60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ
\~\~652 61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.