Native Bible

Ezra 2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Ɛsra 2
1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,* Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie: 3Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ \~\~2,172 4Sefatia abusuafoɔ \~\~372 5Arah abusuafoɔ \~\~775 6Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) \~\~2,812 7Elam abusuafoɔ \~\~1,254 8Satu abusuafoɔ \~\~945 9Sakai abusuafoɔ \~\~760 10Bani abusuafoɔ \~\~642 11Bebai abusuafoɔ \~\~623 12Asgad abusuafoɔ \~\~1,222 13Adonikam abusuafoɔ \~\~666 14Bigwai abusuafoɔ \~\~2,056 15Adin abusuafoɔ \~\~454 16Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) \~\~98 17Besai abusuafoɔ \~\~323 18Yora abusuafoɔ \~\~112 19Hasum abusuafoɔ \~\~223 20Gibar abusuafoɔ \~\~95 21Betlehemfoɔ \~\~123 22Netofafoɔ \~\~56 23Anatotfoɔ \~\~128 24Asmawetfoɔ \~\~42 25Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ \~\~743 26Ramafoɔ ne Gebafoɔ \~\~621 27Mikmasfoɔ \~\~122 28Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ \~\~223 29Nebo ɔman mma \~\~52 30Magbis ɔman \~\~156 31Elam ɔman mma \~\~1,254 32Harim ɔman mma \~\~320 33Lod, Hadid ne Ono ɔman mma \~\~725 34Yeriko ɔman mma \~\~345 35Senaa ɔman mma \~\~3,630 36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) \~\~973 37Imer abusuafoɔ \~\~1,052 38Pashur abusuafoɔ \~\~1,247 39Harim abusuafoɔ \~\~1,017 40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) \~\~74 41Nnwontofoɔ: Asaf* abusuafoɔ \~\~128 42Aponoanohwɛfoɔ:* Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ \~\~139 43Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, 44Keros, Siaha, Padon asefoɔ, 45Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ, 46Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ, 47Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ, 48Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ, 49Usa, Paseah, Besai asefoɔ, 50Asna, Meunim, Nefus asefoɔ, 51Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, 52Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, 53Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, 54Nesia ne Hatifa. 55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ, 56Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, 57Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami. 58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ \~\~392 59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne: 60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ \~\~652 61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.) 62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho. 64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ* ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ. 68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ. 70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.