Native Bible

Ezekiel 39:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

(Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’

Ezekiel 39:16 in English

Ezekiel 39:16 · Berean Standard Bible

(Even the city will be named Hamonah.*) And so they will cleanse the land.

Context

14Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “ ‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so. 15Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu. 16(Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’ 17“Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya. 18Mobɛwe nnɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ deɛ wɔyɛ nnwennini ne nnwammaa, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan ayɛmmoa a wɔadɔre sradeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.