Native Bible

Ezekiel 39:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “ ‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so.

Ezekiel 39:14 in English

Ezekiel 39:14 · Berean Standard Bible

And men will be employed to continually pass through the land to cleanse it by burying the invaders who remain on the ground. At the end of the seven months they will begin their search.

Context

12“ ‘Na Israel efie de abosome nson bɛsie wɔn de adwira asase no. 13Nnipa a wɔwɔ asase no so bɛsie wɔn, na ɛda a wɔbɛhyɛ me animuonyam no bɛyɛ nkaeɛda ama wɔn, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. 14Ɛberɛ biara, wɔbɛfa mmarima daa ama wɔaprapra asase no so. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so. “ ‘Abosome nson akyi no, wɔbɛfiri aseɛ ahwehwɛ asase no so. 15Ɛberɛ a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ akɔsi sɛ asiefoɔ bɛfa akɔsie wɔ Hamon Gog bɔnhwa no mu. 16(Kuro bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sei na wɔbɛdwira asase no.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.