Native Bible

Ezekiel 32:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mema Misraim da mpan na meyi biribiara firi asase no so, sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a, afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’

Ezekiel 32:15 in English

Ezekiel 32:15 · Berean Standard Bible

‘When I make the land of Egypt a desolation and empty it of all that filled it, when I strike down all who live there, then they will know that I am the LORD.’

Context

13Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa afiri nsuo bebree no ho na nnipa nan rentiatia mu bio na anantwie nan nso renhono no. 14Afei mɛma ne nsuo ani ate na mama ne asutene atene sɛ ngo, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 15Sɛ mema Misraim da mpan na meyi biribiara firi asase no so, sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a, afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ 16“Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” 17Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.