Hesekiel 32:17
Ezekiel 32:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Ezekiel 32:17 in English
Ezekiel 32:17 · Berean Standard Bible
In the twelfth year, on the fifteenth day of the month,* the word of the LORD came to me, saying,
Context
15Sɛ mema Misraim da mpan
na meyi biribiara firi asase no so,
sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a,
afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ 16“Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.” 17Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18“Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho. 19Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.