Native Bible

Ezekiel 32:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

Ezekiel 32:1 in English

Ezekiel 32:1 · Berean Standard Bible

In the twelfth year, on the first day of the twelfth month, the word of the LORD came to me, saying,

Context

1Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no. 3“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede nipadɔm bɛba abɛto mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.