Native Bible

Ezekiel 32:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no.

Ezekiel 32:2 in English

Ezekiel 32:2 · Berean Standard Bible

“Son of man, take up a lament for Pharaoh king of Egypt and say to him: ‘You are like a lion among the nations; you are like a monster in the seas. You thrash about in your rivers, churning up the waters with your feet and muddying the streams.’

Context

1Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no. 3“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Mede nipadɔm bɛba abɛto mʼasau agu wo so, na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu. 4Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.