Hesekiel 24:4
Ezekiel 24:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa nankum no gu mu, nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa. Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;
Ezekiel 24:4 in English
Ezekiel 24:4 · Berean Standard Bible
Put in the pieces of meat, every good piece— thigh and shoulder— fill it with choice bones.
Context
2“Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara. 3Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so
na hwie nsuo gu mu. 4Fa nankum no gu mu,
nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa.
Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma; 5fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.
Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;
ma ɛnhuru
na noa nnompe a ɛwɔ mu no. 6“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,
nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei,
na deɛ ɛwɔ mu aka mu no!
Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu
a wommɔ so ntonto.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.