Hesekiel 24:3
Ezekiel 24:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so na hwie nsuo gu mu.
Ezekiel 24:3 in English
Ezekiel 24:3 · Berean Standard Bible
Now speak a parable to this rebellious house and tell them that this is what the Lord GOD says: ‘Put the pot on the fire; put it on and pour in the water.
Context
1Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara. 3Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“ ‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so
na hwie nsuo gu mu. 4Fa nankum no gu mu,
nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa.
Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma; 5fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu.
Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no;
ma ɛnhuru
na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.