Native Bible

Ezekiel 19:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ, na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforɔ yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.

Ezekiel 19:5 in English

Ezekiel 19:5 · Berean Standard Bible

When she saw that she had waited in vain, that her hope was lost, she took another of her cubs and made him a young lion.

Context

3Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu, na ɔwee nnipa nam. 4Amanaman no tee ne nka, na wɔn amena yii no. Wɔguu no nkapo de no kɔɔ Misraim asase so. 5“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ, na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforɔ yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ. 6Ɔkyinkyinii agyata no mu ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu na ɔwee nnipa nam. 7Ɔbubuu wɔn abandenden na ɔsɛee wɔn nkuro. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.