Hesekiel 19:3
Ezekiel 19:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu, na ɔwee nnipa nam.
Ezekiel 19:3 in English
Ezekiel 19:3 · Berean Standard Bible
She brought up one of her cubs, and he became a young lion. After learning to tear his prey, he devoured men.
Context
1“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2na monka sɛ:
“ ‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronko
wɔ agyata mu!
Ɔdaa gyataburuwa mu
yɛnee ne mma. 3Ɔyɛn ne mma no mu baako
ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ.
Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu,
na ɔwee nnipa nam. 4Amanaman no tee ne nka,
na wɔn amena yii no.
Wɔguu no nkapo de no kɔɔ
Misraim asase so. 5“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ,
na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,
ɔfaa ne ba foforɔ
yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.