Hesekiel 19:6
Ezekiel 19:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkyinkyinii agyata no mu ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu na ɔwee nnipa nam.
Ezekiel 19:6 in English
Ezekiel 19:6 · Berean Standard Bible
He prowled among the lions, and became a young lion. After learning to tear his prey, he devoured men.
Context
4Amanaman no tee ne nka,
na wɔn amena yii no.
Wɔguu no nkapo de no kɔɔ
Misraim asase so. 5“ ‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ,
na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,
ɔfaa ne ba foforɔ
yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ. 6Ɔkyinkyinii agyata no mu
ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ.
Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu
na ɔwee nnipa nam. 7Ɔbubuu wɔn abandenden
na ɔsɛee wɔn nkuro.
Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,
ne mmobomu bɔɔ wɔn hu. 8Afei amanaman no sɔre tiaa no,
wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so.
Wɔguu no asau kyeree no
wɔ wɔn amena mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.