Hesekiel 19:12
Ezekiel 19:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase de no hwee fam. Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ, ɛso aba tete guiɛ; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ na ogya hyeeɛ.
Ezekiel 19:12 in English
Ezekiel 19:12 · Berean Standard Bible
But it was uprooted in fury, cast down to the ground, and the east wind dried up its fruit. Its strong branches were stripped off and they withered; the fire consumed them.
Context
10“ ‘Na wo maame te sɛ bobedua
a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu.
Na ɛso aba, na ɛyiyii mman
nsuo a ɔnya no bebree no enti. 11Ne mman yɛɛ den yie
ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma.
Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so,
ne sorokɔ ne ne mman bebree no
maa no yɛɛ sononko. 12Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase
de no hwee fam.
Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ,
ɛso aba tete guiɛ;
na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ
na ogya hyeeɛ. 13Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ so
asase wesee a nsuo nni muo. 14Ogya trɛ firii ne mman baako so
na ɛhyee nʼaba.
Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so
deɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’
Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.