Native Bible

Ezekiel 19:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Na wo maame te sɛ bobedua a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛso aba, na ɛyiyii mman nsuo a ɔnya no bebree no enti.

Ezekiel 19:10 in English

Ezekiel 19:10 · Berean Standard Bible

Your mother was like a vine in your vineyard,* planted by the water; it was fruitful and full of branches because of the abundant waters.

Context

8Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so. Wɔguu no asau kyeree no wɔ wɔn amena mu. 9Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene. Wɔde no too nneduafie, na wɔante ne mmobomu no bio wɔ Israel mmepɔ no so. 10“ ‘Na wo maame te sɛ bobedua a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛso aba, na ɛyiyii mman nsuo a ɔnya no bebree no enti. 11Ne mman yɛɛ den yie ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma. Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko. 12Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase de no hwee fam. Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ, ɛso aba tete guiɛ; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ na ogya hyeeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.