Hesekiel 18:17
Ezekiel 18:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtwe ne ho firi bɔne ho, na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ. Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa.
Ezekiel 18:17 in English
Ezekiel 18:17 · Berean Standard Bible
He withholds his hand from harming the poor * and takes no interest or usury. He keeps My ordinances and follows My statutes. Such a man will not die for his father’s iniquity. He will surely live.
Context
15“Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu
na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so.
Ɔngu ne yɔnko yere ho fi. 16Ɔnhyɛ obiara so
na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ.
Ɔmmɔ korɔno,
mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ
na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 17Ɔtwe ne ho firi bɔne ho,
na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ.
Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so.
Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa. 18Nanso nʼagya no bɛwu wɔ ɔno ara bɔne enti, ɛfiri sɛ ɔsisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔno, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfoɔ mu. 19“Nanso mobisa sɛ, ‘Adɛn enti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdie no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yie adi mʼahyɛdeɛ nyinaa so enti, ampa ara ɔbɛnya nkwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.