Native Bible

Ezekiel 18:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.

Ezekiel 18:16 in English

Ezekiel 18:16 · Berean Standard Bible

He does not oppress another, or retain a pledge, or commit robbery. He gives his bread to the hungry and covers the naked with clothing.

Context

14“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ɔhunu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnnyɛ saa nneɛma no bi: 15“Ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israel efie so. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi. 16Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma. 17Ɔtwe ne ho firi bɔne ho, na ɔnnye nsiho anaa mfɛntom mmorosoɔ. Ɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara ɔbɛnya nkwa. 18Nanso nʼagya no bɛwu wɔ ɔno ara bɔne enti, ɛfiri sɛ ɔsisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔno, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfoɔ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.