Native Bible

Exodus 31:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan, sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea; sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,

Exodus 31:7 in English

Exodus 31:7 · Berean Standard Bible

the Tent of Meeting, the ark of the Testimony * and the mercy seat upon it, and all the other furnishings of the tent—

Context

5Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no: 7“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan, sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea; sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ, 8sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma; sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia; 9sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.