Native Bible

Exodus 31:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:

Exodus 31:6 in English

Exodus 31:6 · Berean Standard Bible

Moreover, I have selected Oholiab son of Ahisamach, of the tribe of Dan, as his assistant. I have also given skill to all the craftsmen, that they may fashion all that I have commanded you:

Context

4Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. 5Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no: 7“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan, sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea; sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ, 8sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma; sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma; sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.