Native Bible

Exodus 31:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ.

Exodus 31:4 in English

Exodus 31:4 · Berean Standard Bible

to design artistic works in gold, silver, and bronze,

Context

2“Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu 3de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu. 4Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ. 5Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso. 6Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.