2 Mose 15:9
Exodus 15:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Na makyɛ afodeɛ no mu. Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasini.’
Exodus 15:9 in English
Exodus 15:9 · Berean Standard Bible
The enemy declared, ‘I will pursue, I will overtake. I will divide the spoils; I will gorge myself on them. I will draw my sword; my hand will destroy them.’
Context
7“Wo tumi kɛseɛ no mu,
wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ.
Womaa wʼabufuhyeɛ
bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ. 8Wogu ahome a,
nsuo mu pae.
Ɛgyinaa sɛ afasuo
ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa. 9Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ,
‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.
Na makyɛ afodeɛ no mu.
Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so
atwitwa wɔn asinasini.’ 10Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa
maa ɛpo kataa wɔn so.
Wɔmemem sɛ sumpii
wɔ subunu no mu. 11Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?
Hwan na ɔte sɛ wo?
Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu;
deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam,
na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.