2 Mose 15:11
Exodus 15:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ wo? Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu; deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam, na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.
Exodus 15:11 in English
Exodus 15:11 · Berean Standard Bible
Who among the gods is like You, O LORD? Who is like You—majestic in holiness, revered with praises, performing wonders?
Context
9Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ,
‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn.
Na makyɛ afodeɛ no mu.
Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so
atwitwa wɔn asinasini.’ 10Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa
maa ɛpo kataa wɔn so.
Wɔmemem sɛ sumpii
wɔ subunu no mu. 11Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu?
Hwan na ɔte sɛ wo?
Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu;
deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam,
na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn. 12“Wotenee wo nsa nifa
na asase menee wɔn. 13Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,
wʼayamyɛ mu.
Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim
de wɔn aba wʼasase kronkron no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.