Native Bible

Exodus 15:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wo tumi kɛseɛ no mu, wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ. Womaa wʼabufuhyeɛ bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.

Exodus 15:7 in English

Exodus 15:7 · Berean Standard Bible

You overthrew Your adversaries by Your great majesty. You unleashed Your burning wrath; it consumed them like stubble.

Context

5Nsuo akata wɔn so. Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ. 6Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa. 7“Wo tumi kɛseɛ no mu, wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ. Womaa wʼabufuhyeɛ bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ. 8Wogu ahome a, nsuo mu pae. Ɛgyinaa sɛ afasuo ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa. 9Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Na makyɛ afodeɛ no mu. Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasini.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.