Native Bible

Exodus 15:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.

Exodus 15:23 in English

Exodus 15:23 · Berean Standard Bible

And when they came to Marah,* they could not drink the water there because it was bitter. (That is why it was named Marah.)

Context

21Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim animuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ amem ɛpo ase.” 22Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom. 23Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono. 24Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?” 25Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ. Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.