2 Mose 15:21
Exodus 15:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim animuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ amem ɛpo ase.”
Exodus 15:21 in English
Exodus 15:21 · Berean Standard Bible
And Miriam sang back to them: “Sing to the LORD, for He is highly exalted; the horse and rider He has thrown into the sea.”
Context
19Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no. 20Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ. 21Ɛnna Miriam too saa dwom yi:
“Monto dwom mma Awurade
na wadi nkonim animuonyam mu.
Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ
amem ɛpo ase.” 22Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom. 23Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.