2 Mose 15:19
Exodus 15:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no.
Exodus 15:19 in English
Exodus 15:19 · Berean Standard Bible
For when Pharaoh’s horses, chariots, and horsemen went into the sea, the LORD brought the waters of the sea back over them. But the Israelites walked through the sea on dry ground.
Context
17Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn
wɔ wo bepɔ so,
wo ara wo efie hɔ, Awurade—
Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no. 18“Awurade bɛdi ɔhene
akɔsi daa.” 19Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no. 20Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ. 21Ɛnna Miriam too saa dwom yi:
“Monto dwom mma Awurade
na wadi nkonim animuonyam mu.
Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ
amem ɛpo ase.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.