Native Bible

Exodus 14:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn.

Exodus 14:6 in English

Exodus 14:6 · Berean Standard Bible

So Pharaoh prepared his chariot and took his army with him.

Context

4Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no. 5Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?” 6Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn. 7Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn. 8Farao taa Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ, na wɔde Misraimfoɔ agyapadeɛ bebree kɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.