Native Bible

Exodus 14:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.

Exodus 14:4 in English

Exodus 14:4 · Berean Standard Bible

And I will harden * Pharaoh’s heart so that he will pursue them. But I will gain honor by means of Pharaoh and all his army, and the Egyptians will know that I am the LORD.” So this is what the Israelites did.

Context

2“Ka kyerɛ nnipa no na wɔmmane mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne ɛpo no ntam na ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu no. Sɛ wɔduru hɔ a, wɔnsi wɔn ntomadan wɔ mpoano hɔ. 3Sɛ wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu sɛ, ‘Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.’ 4Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no. 5Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?” 6Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.