Native Bible

Exodus 14:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?”

Exodus 14:5 in English

Exodus 14:5 · Berean Standard Bible

When the king of Egypt was told that the people had fled, Pharaoh and his officials changed their minds about them and said, “What have we done? We have released Israel from serving us.”

Context

3Sɛ wɔyɛ saa a, Farao bɛsusu sɛ, ‘Saa Israelfoɔ no aka ɛserɛ no ne ɛpo no ntam.’ 4Na mɛsane mapirim Farao akoma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛeɛ yi sɛdeɛ ɛbɛma manya animuonyam ne anidie wɔ Farao ne nʼasraafoɔ mu na ama Misraimfoɔ no nso ahunu sɛ, mene Awurade no.” Enti, wɔsii ntomadan wɔ baabi a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no. 5Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfoɔ no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensane mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne nʼahokafoɔ akoma sɔree bio. Wɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yɛayɛ yi a yɛama nkoa yi ɛkwan ama wɔkɔ?” 6Enti, Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafoɔ no anim taa wɔn. 7Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefoɔ dɔm a wɔn dodoɔ yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforɔ bi a asraafoɔ tete wɔn so sram wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.