Ɛster 7:1
Esther 7:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no.
Esther 7:1 in English
Esther 7:1 · Berean Standard Bible
So the king and Haman went to dine with Esther the queen,
Context
1Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no. 2Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!” 3Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.