Ɔsɛnkafoɔ 9:6
Ecclesiastes 9:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn dɔ, ɔtan ne ninkunu atu ayera dada; wɔnni hwee yɛ wɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.
Ecclesiastes 9:6 in English
Ecclesiastes 9:6 · Berean Standard Bible
Their love, their hate, and their envy have already vanished, and they will never again have a share in all that is done under the sun.
Context
4Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo. 5Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu,
nanso awufoɔ nnim hwee;
wɔnni akatua biara bio,
na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera. 6Wɔn dɔ, ɔtan
ne ninkunu atu ayera dada;
wɔnni hwee yɛ wɔ
biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. 7Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. 8Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.