Native Bible

Ecclesiastes 9:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so.

Ecclesiastes 9:7 in English

Ecclesiastes 9:7 · Berean Standard Bible

Go, eat your bread with joy, and drink your wine with a cheerful heart, for God has already approved your works:

Context

5Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu, nanso awufoɔ nnim hwee; wɔnni akatua biara bio, na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera. 6Wɔn dɔ, ɔtan ne ninkunu atu ayera dada; wɔnni hwee yɛ wɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. 7Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so. 8Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim. 9Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.