Ɔsɛnkafoɔ 9:4
Ecclesiastes 9:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.
Ecclesiastes 9:4 in English
Ecclesiastes 9:4 · Berean Standard Bible
There is hope, however, for anyone who is among the living; for even a live dog is better than a dead lion.
Context
2Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.
Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no,
saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ;
sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,
saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam. 3Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho. 4Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo. 5Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu,
nanso awufoɔ nnim hwee;
wɔnni akatua biara bio,
na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera. 6Wɔn dɔ, ɔtan
ne ninkunu atu ayera dada;
wɔnni hwee yɛ wɔ
biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.