Ɔsɛnkafoɔ 5:7
Ecclesiastes 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
Ecclesiastes 5:7 in English
Ecclesiastes 5:7 · Berean Standard Bible
For as many dreams bring futility, so do many words. Therefore, fear God.
Context
5Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so. 6Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? 7Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn. 8Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. 9Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.