Ɔsɛnkafoɔ 5:5
Ecclesiastes 5:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.
Ecclesiastes 5:5 in English
Ecclesiastes 5:5 · Berean Standard Bible
It is better not to vow than to make a vow and not fulfill it.
Context
3Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no,
saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ. 4Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so. 5Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so. 6Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma? 7Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.