Ɔsɛnkafoɔ 5:9
Ecclesiastes 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.
Ecclesiastes 5:9 in English
Ecclesiastes 5:9 · Berean Standard Bible
The produce of the earth is taken by all; the king himself profits from the fields.
Context
7Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn. 8Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so. 9Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ. 10Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da;
na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya.
Yei nso yɛ ahuhudeɛ. 11Adetɔndeɛ bu so a,
saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso.
Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya
sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.