Ɔsɛnkafoɔ 4:3
Ecclesiastes 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi ne deɛ ɔnnya mmaeɛ, deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a wɔyɛ wɔ owia yi ase.
Ecclesiastes 4:3 in English
Ecclesiastes 4:3 · Berean Standard Bible
But better than both is he who has not yet existed, who has not seen the evil that is done under the sun.
Context
1Bio, mehwɛ mehunuu nhyɛsoɔ a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:
Mehunuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nisuo
na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara;
tumi no wɔ wɔn nhyɛsofoɔ no nsam
na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara. 2Na mekaa sɛ: Awufoɔ a
wɔawuwu dada no
ani gye sene ateasefoɔ;
wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no. 3Na deɛ ɔyɛ sene baanu yi
ne deɛ ɔnnya mmaeɛ,
deɛ ɔnnya nhunuu bɔne a
wɔyɛ wɔ owia yi ase. 4Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa. 5Ɔkwasea bobɔ ne nsa gu ne ho
na ɔsɛe ne ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.