Native Bible

Ecclesiastes 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so.

Ecclesiastes 1:6 in English

Ecclesiastes 1:6 · Berean Standard Bible

The wind blows southward, then turns northward; round and round it swirls, ever returning on its course.

Context

4Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa. 5Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ. 6Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so. 7Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔntene no firie no ɛhɔ na wɔsane kɔ bio. 8Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.